|
|
|
|
SO ↃWԐN ABAN AHYEHYԐDE NO YԐ “ↃNOKWAFO NE ↃBADWEMMA A”? Wↄ Mateo 24:45-51, Yesu kyerɛkyerɛɛ nkoa soronko abien (asomfo) a wↄn wura de wↄn sii n’afie agyapade so bere a ↄwↄ akwantuom. Akoa biako yɛe “Ↄnokwafo ne Ↄbadwemma” (Wiase Foforo Nkyerɛase-WFN) bere a ne wura fii akwantuom san bae no, nti ↄkamfoo no de no sii n’agyapade nyinaa so. Akoa ↄfoforo no de, woannyɛ ↄnokwafo bere a ne wura bae, enti ↄtowee no kↄkaa nyaatwomfo no ho. Bere a biribiara nni ↄyɛsɛm yi mu a ɛkyerɛ sɛ nsɛm yi fa nyamesom ahyehyɛde ho no, Yehowa Adansefo ka sɛ ↄyɛsɛm yi yɛ nkↄmhyɛ nsɛm a ɛkᾱ fa Ↄwɛn Aban Ahyehyɛde no ho. Wↄka de hoahoa wↄnho sɛ Yehowa Nyankopↄn na ɛpawee wↄn Ahyehyɛde no sɛ ↄnfa honhom fam aduan mma Onyankopↄn nkurↄfo wↄ awiei mmere mu denam nhoma ne nsɛmma nhoma bebree a woatintim so.
So Honhom fam aduan no a Ↄwɛn Aban no de ma wↄ ne nhoma ahorow mu kyerɛ sɛ ↄfata sɛ “Akoa Nokwafo ne Ↄbadwemma a”, Onyankopↄn akwan a ↄnam so ne adesamma di nsawↄso? Ma yɛnhwɛ kyerɛwtohↄ no na yehu nea ɛkyerɛ. 1.WOAKYIKYIM ONYANKOPↃN ASԐM (Mmebusɛm 30:6): Ↄwɛn Aban no ka sɛ wↄn a wↄkyerɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no yɛ nnipa a wↄmpɛ sɛ wↄn din da adi, nanso nhwehwɛmu ama wↄn din abɛto gua, na ɛbae sɛ asekyerɛfo no yɛ Sodikuw mufo a wonni nhomasua abodin a ɛbɛma woatumi atintim Bible Nkyerɛase a edi mū. Hela Animdefo aka no mpɛn pii sɛ ɛyɛ Nkyerɛase a ɛnyɛ nokware efisɛ wokyikyimii Bible nkyekyɛm ahorow pii maa ɛne Ↄwɛn Aban Gyidi hyiae, afei nso wode edin “Yehowa” hyehyɛe Kristofoↄ Hela Kyerɛwnsɛm mu a enni adanse biara wↄ Kristofoↄ Hela Nsaano Nkyerɛwee mu, maa enti wode nneɛma akᾱ Onyankopↄn Asɛm ho. So Yehowa bɛbata Ahyehyɛde a oyi na ↄsan de bi kᾱ N’asɛm ho? 2.ATOSԐM ABU SO WↃ NE NHOMA AHOROW MU (Tito 1:2): Ↄwɛn Aban nnye ntom sɛ wotintimii Russell abrabↄ mu nsɛm efisɛ wↄmpɛ sɛ nnipa hu sɛ Yehowa Adansefo a wodi kan no somee Russell. Enti wokataa wabakↄsɛm so de nsɛm yiyi wↄnho ano sɛ woamfa nhoma a emu nsɛm ne ahonhomsɛmdi wↄ twaka bi, afei nso wodi atoro wↄ nsɛm a Kristofo Agyanom Mpanyimfo a wodi kan kyerɛkyerɛɛ ama woanya nnyinaso wↄ wↄn gyidi a ɛkyerɛ sɛ Nyankopↄn Baasakoro gyidi no fii abosonsom mu. So Yehowa a ↄyɛ Nokwaredifo no bɛbataa Ahyehyɛde a ↄnnka nokware ho? 3.WOBUU NNYINASO SԐ WↃNYԐ WIASE AMAMUI NO FᾹ NO SO (Yohane 18:36) Wↄ bere a wↄka sɛ Amanaman Nkabom Kuw (United Nations) gyina hↄ wↄ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ “Aboa”a ɛwↄ Adiyisɛm 17 no, Ↄwɛn Aban no de ne ho bↄe Amanaman Nkabom Kuw no mfe du. Woka bio sɛ woammfa wↄnho agye Wiase Kō Mmienu no mu, nanso wↄ krataa a wↄkyerɛwee kↄmaa Hitler wↄ afe 1933 mu no, wↄmaa ohui sɛ wↄtaa n’amammui nhyehyɛe no akyi. So eyi yɛ wↄnho a wommmfa nnye Amamui nsɛm mu anaasɛ ɛyɛ Nyaatwomyɛ? 4.ATORO NKↃMHYԐ (Deutoronomium 18:20-22) : Wↄ bere a Ↄwɛn Aban pae mu ka sɛ ↄyɛ Onyankopↄn Odiyifo na ↄkasa wↄ Yehowa din mu no, Ↄwɛn Aban aka nna ahorow bi sɛ wiase no bɛba nawiei, na mpo Kristo fii N’ahenni ase wↄ afe 1874. Saa atoro pae mu ka a ɛfa Yesu mmae ho no yɛ kↄkↄbↄ titiriw a Yesu maa N’akyidifo no hyɛe no nsow, bere a ↄkae sɛ “Atoro Adiyifo no bɛka eyinom wↄ awiei nna no mu no. (Kenkan Mateo 24:11, 23-24) Dɛn nti na Yehowa bɛpaw ekuw agyina n’ananmu wↄ bere a ↄreyɛ nneɛma pↄtee a Yesu bↄↄ kↄkↄ sɛ “Atoro Adiyifo bɛyɛ wↄ awiei nna no? 5.WOADI MOGYA HO FↃ (Yeremia 22:17): Ↄwɛn Aban no akyikyim Onyankopↄn Mogya mmara, na eyi yɛ no ama mmofra a wodi bem pii awuwu. Yehowa Adansefo ahwere wↄn nkwa a ɛnyɛ Ↄwɛn Aban nnansa yi mogya a wↄtwe gu nipaduam (Blood transfusion) a wↄabare mpo, na mmom ayaresa ahorow bi a wↄbarae mmere bi a atwaam no, te sɛ ‘Hemophiliac Preparations’, ‘Vaccinations’ ne ‘Organ Transplants’. Eyinom nyinaa yɛ nea ↄgye tom nnɛ sɛ afei entia Onyankopↄn mogya mmara bio. Enti nnipa wowuwui esiane Ↄwɛn Aban mogya ho mmara a ↄkyerɛkyerɛe a anwie pɛyɛ no, wui kwa a? Saa yɛhwɛ nokware adanse a ɛkyerɛ sɛnea Ↄwɛn Aban Ahyehyɛde adi mogya ho fↄ a, esiane Onyankopↄn asɛm a wokyimkyimii wↄ saa kwan yi so nti a, ɛsɛ sɛ obi bisa sɛ “ɛbɛyɛ dɛn na Ahyehyɛde yi afata paa sɛ Onyankopↄn ananmusifo wↄ asase so?”
NSAKRAE A ↃWԐN ABAN YԐE WↃ “NOKWARE” A WOTINTIMII HO: Ↄwɛn Aban no gye tom sɛ ɛyɛ “aniberesɛm” sɛ ↄsom bi bɛyɛ nsesa wↄ ne gyidi atitiriw ho nkyerɛkyerɛ mu. Ↄka sɛ “ɛyɛ aniberesɛm sɛ wↄde Onyankopↄn anaa Yesu begyina nkyerɛkyerɛ bi a ɛnyɛ nokware so na ama afoforo anya wↄnho ntease bi, na afei woahu akyiri sɛ saa ntease no a wogyina kyerɛwnsɛm so kae mfe bi a atwaam no yɛ mfomso, na woasan woakyi akↄfa gyidi a wodi kan kyerɛkyerɛɛ sɛ ɛyɛ mfomso no sɛ ɛno mmom na ɛyɛ nokware. Akristofo ntumi nyɛ ntanta- a wontumi nsi nsɛm pi wↄ mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛtete saa no. Dɛn ahotoso na obi betumi anya wↄ nnipa a wↄte saa no gyinaesi anaasɛ wↄn nokwaredi ho”?-Ↄwɛn Aban May 15, 1976, kratafa 298. Ↄwɛn Aban no ka de hoahoa ne ho sɛ nkyerɛkyerɛ a ↄkamfo wↄ ne nhoma mu no yɛ “Nokware no”. Nanso, efii bere a Ↄwɛn Aban fii ase wↄ mfe 1879 tintimii nhoma no, woayɛ nsakrae bebree wↄ ne gyidi atitiriw no bi mu, sɛnea woahyehyɛ ɛho nsɛm wↄ ase ha no:
NSAKRAE A ↃWԐN ABAN YԐE WↃ “NOKWARE” A WOTINTIMII HO
Sɛnea adanse a ɛwↄ atifi hↄ ama yɛahu nsakraae akɛse a Ↄwɛn Aban ayɛ wↄ “Nokware” ho sɛnea Ↄwɛn Aban May 15, 1976 no gye toom no a, ende,”Dɛn ahotoso na obi betumi anya wↄ Ↄwɛn Aban Akanifo Gyinaesi anaa Nokwaredi ho? Ↄwɛn Aban Asafo Panyin Owura Fred W. Franz Adanse a odii wↄ Skotland Asɛnnibea wↄ afe 1954 ɛnna edidi so yi: ASԐMMISA: Enti nea Asafo atintim wɔ nhoma mu sԑ nokware nnԑ no bԑyԑ atoro nna kakraa bi akyi? . MMUAE: Momma yԑntwԑn nhwԑ. . ASԐMMISA: Nti mprempren Yehowa Adansefo kuw nyinaa redi nkyerԑkyerԑ a ɛyԑ mfomso akyi? . MMUAE: Yehowa Adansefo redi kyerԑwnsԑm akwankyerԑ a ɛnwie pԑyԑ so. . ASԐMMISA: Mfomso? . MMUAE: Oye, Mfomso. Nea ɔpԑ eyi ho adanse no ɔnhwԑ Douglas Walsh Trial Pursuer’s Proof, 1954, p.114.
EFESOFO 4:14-15 ka sɛ: “Eyi nti, yɛnnnyɛ nkokoaa bio a asorↄkye de yɛn di akↄneaba de nkyerɛkyerɛ biara fa yɛn nnommum, denam nnipa adɛfɛdɛfɛ nsɛm ne anifere nnaadaa nsusuwii. Wↄ Yesu ɛbɛ a ɛwↄ Mateo 24:45-51, na N’asɛm mmfa Nyamesom Ahyehyɛde biara ho korakoraa, na mmom na Yesu ɛkaa ankorankoro Kristoni biara a ↄbɛyɛ ↄnokwafo anaa ↄrennyɛ ↄnokwafo ama No denam sɛnea wↄbↄↄ wↄn bra! Ԑbɛ yi ne nea Odi kan kae no nsonsonoe biara nnim wↄ nea waka afa akoa anokwafo ne nkwaseafo no ho. Aba ɛwↄ Yesu ɛbɛ no mu ɛne sɛ Kristoni biara bɛbↄ mmↄden ayɛ ↄnokwafo ama Awurade no, na sɛ ↄbɛfa N’asomfo a woahu Akristofo no ↄnokwafo na watua wↄn kᾱ ne tumi a ɛkorↄn ne asɛyɛde bebree a ɛbɛyɛ wↄn de. Sɛnea obiara betumi ayɛ akoa bↄne kuw no mufo sɛ woannyɛ ↄnokwafo ama Onyankopↄn a, saa ara na obiara betumi ayɛ akoa ↄnokwafo kuw mufo denam nokwaredi a ↄde yɛɛ adwuma a Honhom Kronkron no de maa no. Nokwasԑm sԑ, yԑde yԑn kra to asiane kԑse mu sԑ yԑde yԑn daa nkwa ho adwuma hyԑ nnipa akwankyerԑfo nsa sԑ wɔmmɔ ho ban. Bible no ka sԑ “Nnome nka onipa a ɔde ne ho to ɔdesani so na ɔde ɔhonam yԑ no ahoɔden”-Yerimia 17:5. Ɔkwan biako nkutoo a yebetumi de yԑn koma bԑto, ahwehwԑ daa nkwa ne Honhom mu nsԑm a ɛyɛ Nokware a ɛyԑ Yesu Kristo. Ɔka sԑ Mene ɔkwan no, ne Nokware no, ne Nkwa no, obiara mma Agya nkyԑn, gyesԑ ɔnam Me so”- Yohane 14:6
|
I LOVE this site!
“I just wanted to write and tell you that your website is absolutely FANTASTIC and invaluable. Thank you so much for providing fantastic resources that true Christians can use to reach out in love to those caught in the lie of Mormonism and the Watchtower Society. I love this website.”
Your site is the best!
“Just want you to know that I love your website. What a wealth of information …I have been looking for a website to aid in my witnessing to my Mormon and Jehovah’s Witness friends. This is the best one I have seen by far. Please keep up the good work!!!!”
Your website is crucial in my witnessing efforts!
“Your website is crucial in my witnessing efforts to Mormons and Jehovah’s Witnesses. I cannot get the Mormons to come back anymore, but I had my first study with the Jehovah’s Witnesses today. ...One has been in the Society for over 50 years!!! I was very intimidated by this. ...But the thing that really got them squirming in their seats today were the questions I got off your website regarding the use of the Divine Name. It was almost as if they had never heard questions like this before. ...thank you so much for what you do. God has used your talents in such a wonderful way to bring glory and honor to our King Jesus Christ.”
I appreciate the loving tone of your website...
“I need to say thank you so much to the people involved in this website! I am a Christian and have been in contact with a Jehovah's Witness for several months, and at the beginning I was very unfamiliar with Jehovah's Witness teachings. Your website has helped me tremendously. I feel much better acquainted with Jehovah's Witness teachings and able to question her on her beliefs, and point her to the Truth of Jesus in the Bible. I enjoy the thoughtful, loving tone your website has in pointing out the error of the Watchtower organization, and the error of Jehovah's Witness beliefs.”
Thanks for providing the documentation to back up what you're saying.
“I recently became acquainted with a girl who was raised as a Jehovah’s Witness, and I am a solid evangelical Christian. Despite our differences, we have become good friends ...I have had the hardest time talking to her about my concerns regarding the Watchtower because I understood so little about it. In my search for resources online, it is so refreshing to find a website that is not slanderous or based on opinion, but that simply provides the facts. Thanks for providing documentation to back up what you're saying. This is legitimate journalism and it has been incredibly useful to me.”
I Feel So Much Better Equipped!
“I just wanted to say thanks for the tremendous amount of effort it must have taken to put together this website. I am a Christian who has been visited by Jehovah’s Witnesses for about 7-8 years… I was online …when I came across your site. Having found what I was looking for, I continued on with browsing your site. There is so much useful information here! Recently, one of the young Witnesses that had previously come to my door ...came back to my door alone. … After reading many pages on your site, I feel so much better equipped to speak with her. …I hope to show her the joy that is in the freedom we have in Christ.”