|
|
|
|
WO FI ƆWԐN ABAN AHYEHYԐDE NO MU - NA WOAKƆ ԐHE? Ԑmfa ho bere tenten a woatra a Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no mu no, sԑ wofi mu a ԑma wohyia gyinaesi ho nsԑnnennen. Minim, efisԑ mifii Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no mu mfe 13 akyi a mede me mmeranteberem ahoɔden yԑe Yehowa dansefo mmɔdenbɔfo. Asԑmmisa a emu yԑ duru ma wɔn a wɔpԑ sԑ wofi Ɔwԑn Aban no mu ԑne sԑ “Ԑhe na yԑfi ha yԑbԑkɔ? Ebinom fam no ԑte sԑ nea wofi owia ase akɔtɔ ogya mu, de wɔnho hyԑ nnurubɔne nom, ɔbraseԑ ɔkɔwensa ne nneyԑe afoforo mu. Ɔwԑn Aban Asafo ani gye ho sԑ wɔde saa nneԑma bɔne yi yԑ osuahu a ԑbԑto wɔn a wofi “Nokware no” mu. Ebinom nso a wofi mu no nya adwenem haw- a ԑhyԑ wɔn so kԑse. Ebinom fi ase sԑ wɔbԑhwehwԑ “Onyankopɔn Nokware Ahyehyԑde” ma wɔkɔ ɔsom ahorow nanso emu biara di wɔn huammɔ. Ebinom nso hu Ahyehyԑde bi anaa ɔsom akuw bi a ԑbԑyԑ sԑ ɔwɔ “Nokware Ankasa no”. Nnipa pii pa abaw wɔ ɔsom ahorow nyinaa ho ma enti wɔbɔ wɔn “bra a ɔsom mfa wɔnho’’ na mmom wɔde wɔn ani si wabusua, wadwuma ne wafie so a wompԑ sԑ wobesusuw Nyamesom ho koraa.
Saa ate nka yi nyinaa yԑ nsԑm a ԑtaa to ankorankoro a wofii Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde a ɔhyԑ wɔn abrabɔ so no mpofirim. Sԑ nsԑm yi fa woho a, ԑnde hu sԑ ԑyԑ wo nko. Anaasԑ woyԑ obi a woda so wɔ Yehowa Adansefo Ahyehyԑde no mu a wosusuw ho sԑ wobegyae anaa woani nnye nanso wosuro sԑ wobefi Ahyehyԑde no mu, efisԑ wodwennwen sԑ “Hena nkyԑn na yԑnkɔ? Ɔwԑn Aban Asafo nkutoo na ɔwɔ daa nkwa nsԑm”. Asafo no ankasa ama woanya saa nsusuwii denam ɔsom ahorow a woakasa bɔne afa wɔnho ma nti ɔka sԑ:
Saa nsԑm yi ho adwennwen na ԑma ԑyԑ den sԑ Yehowa Adansefo bԑtwe wɔnho afi Ahyehyԑde no ho, na ebinom fam no ԑma wɔn adwene tu fra, na mpo ԑyԑ hu ma wɔn a wɔrefi Ahyehyԑde no mu. “Hena nkyԑn na yԑnkɔ? Obiara nni hɔ! eyi yԑ mmuae a Asafo no de awurawura Adansefo no mu mpԑn pii. Yԑn Ahyehyԑde ne Ɔkwa koro, Nokware koro no ne Nkwa no. Nanso, bere a Ɔkyerԑ sԑ ɔne Nokware no, Ɔwԑn Aban Asafo no reyi yԑn asotire wɔ Onipa a yebetumi akɔ ne nkyԑn. Adwene a ԑwɔ kyerԑwnsԑm yi mu a wɔka fa wɔnho no yԑ nea ԑfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho ankasa. Yesu ne Onnii a na N’akyidifo no ԑrekasa akyerԑ no sԑ “Awurade Hena nkyԑn na yԑnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsԑm na yԑagye adi na yԑabehu sԑ wone Ɔkronkronni a Ofi Onyankopɔ nkyԑn”-Yohane 6:68-69 Wiase Foforo Nkyerԑase-WFN. Ԑnyԑ Ahyehyԑde na na wɔreka ho asԑm. Afei “Nokware no” nnyԑ Ahyehyԑde nso. Kyerԑwnsԑm ada no adi sԑ Yesu ankasa ne “Ɔkwan no ne Noware no ne Nkwa no”. (Yohane 14:6 Modern Language Bible) Fa Yudafo nneԑma nhyehyԑe dedaw no toto Ɔwԑn Aban Asafo no ho nnԑ. Na Yudafo no ne Yehowa wɔ abusuabɔ soronko bi esiane hokwan a wonyae sԑ Yesrael man mufo, ne kyerԑwnsԑm no a wosuae ne Onyankopɔn mmara wodii so no. Saa ara na Yehowa Adansefo nnԑ nso ka sԑ wone Onyankopɔn wɔ abusuabɔ soronko esiane hokwan a woanya ne Ɔwԑn Aban Asafo rebɔ, ne ne nhoma ahorow a woatintim a wosua ne Onyankopɔn mmara a wobedi so (sԑnea Asafo akyerԑkyerԑԑ). Ɔwԑn Aban Asafo kɔso ara ne Yudafo nhyehyԑe di nsԑ na wɔpɔw nhyehyԑe foforo ԑnam Yesu Kristo so na ԑde yԑnkɔ Onyankopɔn nkyԑn. Onyankopɔn somaae ne Ba no baae asase so sԑ ɔma “Apam foforo nkɔmhyԑ a ԑwɔ Yeremia Ti 31no nya ne mmamu. Wɔ Apam foforo yi ase no wɔn nyinaa behu Me-Yehowa) efi akumaa so kosi ɔkԑse so, Yehowa anom asԑm ni. “Efisԑ Mede wɔn mmarato befiri wɔn ne wɔn bɔne merennkae bio”(Nkyekyem 34 WFN) Bɔne fafiri akyi no, Yeremia 31:34 nkɔmhyԑ no kae nso sԑ “wɔn nyinaa behu Me-Yehowa, efi wɔn mu akumaa so kosi ɔkԑse so Yehowa anom asԑm ni. Eyi nnyԑ nhomasua a ԑma obi nya Onyankopɔn ho “Nimdeԑ” anaasԑ Onyankopɔn ho nsԑm bebree a obi nim na mmom Onyankopɔn Nipa a wobehu ankasa. Ɔkwan bԑn so? Denam Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo a wone no benya abusuabɔ da biaara da no so. Bere a Filipo bisae sԑ ɔpԑsԑ ohu Agya no, Yesu buae sԑ “Mene mo atena bere tenten yi nyinaa, nanso Filipo wunnya nhuu Me? Nea wahu me no ahu Agya no” (Yohane 14:9 WFN) Wɔn a wɔne Yesu wɔ abusuabɔ -Ɔno a ɔyԑ Agya no sԑso (Hebrifo 13:3) betumi ahu Onyankopɔn wɔ ɔkwan soronko a ԑyԑ fekuwbɔ a wɔn a wɔhwehwԑ kyerԑwnsԑm no mu kԑkԑ ntumi nya, sԑnea Farasifo no nyԑԑ (Yohane 5:39) Ԑte sԑ nsonsonoe a ԑda onipa a wɔasua biribiara a ԑfa Amerika Ɔmampanyi ho ne ɔfoforo a wonnsuae ne ho hwee na mmom ɔne Ɔmampanyi no bɔ “golf” memeneda biara na Onim no sԑ adamfo. “Yehowa a yebehu no sԑnea Yeremia hyԑe ho nkɔm no yԑ te sԑ saa abusuabɔ no a owura no ne Ɔmampanyi nyae no. Onyankopɔn a ԑnam ne Ba no so a yԑne no benya ankorankoro abusuabɔ. Bio nso na Yeremia nkɔmhyԑ no nnyԑ Apam foforo mma afeha no mu nnipa ketewaa bi, mmom no na ԑno bԑyԑ Onyankopɔn kwan a Ɔne adesamma bedi nsawɔso. Bere a wokumii Yesu no, n’asuafo no suroe sԑ eyi ama wᴐne Onyankopɔn abusuabɔ a ԑnam ne Ba no so to atwaa. Nanso, na wonnim sԑ ԑnte saa. Yesu nyanee bae nkwa mu bio nnansa akyi no, Ɔbԑhyԑԑ ɔne n’akyidifo no ntam abusuabɔ no den, na afei ɔtrԑwee saa abusuabɔ no mu maa nnipa afoforo. Stefano huu Yesu wɔ anisoadehunu mu bere a wogyinae asԑnnibea no. Mmere bi akyi a wodii n’asԑm wiei no akasakasa bae ma anti wohwimii no baa kurow no abɔnten no, Stefano sufrԑԑ Yesu. “Na bere a woresiw Stefano abo no, ɔbɔe mpae sԑ Awurade Yesu wɔ nsa na mede me kra mehyԑ. Afei ɔkotowee de nusu teԑԑm denneennen sԑ “Awurade fa wɔn bɔne so asotwe firi wɔn. (Asomafo Nnwuma 7:59 RSV) Adanse biara nni hɔ a ԑkyerԑ sԑ anisoadehunu a onyae kan no san daa adi bio, mmom no Stefano ne Yesu nyaae abusuabɔ ama enti anyԑ den koraa sԑ obesu afrԑ Yesu So na Paulo ne Stefano yԑ nnipa a wɔda nsow wɔ Yesu a wɔne no nyaae saa nkitahodi no maa ne saa nti wotumii frԑԑ Yesu? Ԑnte saa koraa. Efisԑ Paulo kae Kristofo ho asԑm sԑ wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ Awurade Yesu Kristo din” (1 Korintofo 1:2 WFN) Yesu hyԑe n’asuafo no bɔ sԑ Ɔne wɔn benya abusuabɔ ԑte saa, bere a ɔkae sԑ “beae baanu anaa baasa behyiam wɔ ne din mu no na ɔwɔ wɔn mfinimfini” (Mateo 18:20 WFN). Nokwasԑm no, yԑwɔ Yesu bɔhyԑ a ԑne sԑ “nea ɔdɔ Me no M’agya nso bԑdɔ no, na me nso mԑdo no na mayi meho adi akyerԑ no afei nso M’agya bԑdɔ no na yԑbԑba ne nkyԑn ne no atraae” (Yohane 14:21-23 WFN). Living Bible no kaa no tiawa sԑ “sԑ Mԑba nkwa mu bio a ....mԑyi meho adi akyerԑ wɔn a wɔdɔ me na wodi m’asԑm so. Agya no bԑdɔ wɔn nso, na yԑbԑba ne no atraa” (Yohane 14:20-23). Yesu nnyi ne ho adi nkyerԑ nkurɔfo wɔ petee mu, sԑnea oyii ne ho adi kyerԑԑ Paulo wɔ Damasko kwantempɔn so no. Mmom ԑda adi wɔ ɔkwan a wɔayԑ ho nkyerԑkyerԑmu wɔ Galatifo 4:6. “Onyankopɔn asomaa ne Ba no Honhom ahyԑ yԑn komam a ԑteԑԑm “Abba! Agya!” (Revised Standard Version) Mfiase no na misuro sԑ mԑbԑn Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu aka me bɔne akyerԑ no na masrԑ Yesu sԑ ɔmԑtena me komam sԑ m’agyekwa ne m’awurade. Esiane Ɔwԑn Aban ntetee a minyaae nti, na misuro sԑ mԑnya honhom fī. Nanso me kenkanee Yesu nsԑm a ԑwɔ Luka 11:10-13 “Efisԑ obiara obisa no onya, nea ɔhwehwԑ no hu, ne nea ɔbom no wobue no. Mo mu agya bԑn na saa ne ba bisa no apataa a, sԑ anka ɔbԑma no apataa no ɔde ɔwɔ anaasԑ obisa no kesua a ɔbԑma no akekantwԑre? Sԑ mo a moyԑ abɔnefo nim sԑnea mode akyԑde pa ma mo mma a, mpԑn ahe na mo Agya remmfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa No! ”Ne saa nti, mibɔe mpae maa Yesu bԑtraae me komam. Mihuu Galatifo 4:6 mmamu wɔ m’asetram na mebehuu Onyankopɔn sԑ m’agya wɔ ɔkwan a minnim da. Enti, Kristofo kyerԑwnsԑm Asԑmpa no a Yeremia TI 31 hyԑԑ nkɔm faa Apam foforo ho nnyԑ gyidi foforo anaa Onyankopɔn ho Nimdeԑ a ԑsԑ sԑ Kristofo suaa. (ԑwom sԑ Ɔwԑn Aban gyidi no bi ba ara kwa). Mmom no, ԑyԑ nkwagye a ԑyԑ asetra kwan foforo mprempren a abɔde foforo a esiane awo foforo adom ara kwa so ne Honhom foforo a ɔhyԑ yԑn mᾱ wɔ yԑn nkwa nna nyinaa. Yesu de abrabɔ kwan foforo too gua bere a ɔkasae kyerԑ Nikodemus sԑ “Nokware Nokware, Mika akyerԑ wo, gyesԑ wɔwo obi foforo ԑnte saa ontumi nhu Onyankopɔn Ahenni. Gyesԑ obi nya nsu ne Honhom asubɔ ԑnte saa ontumi nnkɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Nea ɔhonam woo no yԑ ɔhonam, ԑnna nea Honhom awo no yԑ Honhom . Mma eyi nnyԑ mo nwonwa, ԑsԑ sԑ wɔwoo wo foforo”(Yohane 3:3-7 KJV) Wɔn a wɔwɔ Apam foforo no mu anya saa Awo foforo no. “Mo, afei, ԑnyԑ honam sintɔ na edi mo so na Honhom, efisԑ sԑ Onyankopɔ Honhom te mo mu a. Na sԑ Obi nni Yesu Kristo Honhom a ɔnyԑ Kristo dea. Sԑ Kristo te wo mu a, wo nipadua awu esiane bɔne nti, nanso wo Honhom no te nkwa mu denam treneeyԑ. Bio nso sԑ Honhom a enyanee Yesu fii owu mu no te wo mu a, Nea Onyanee Kristo fii owu mu no nso bԑma wo nkwa wɔ owu nipadua yi denam ne Honhom a ԑte wo mu so....Wɔn a Onyankopɔn Honhom kyerԑ wɔn kwan no wɔn na wɔyԑ Onyankopɔn mma. Efisԑ moannya Honhom a ԑma moyԑ akoa ma osuro, na mmom woanya Honhom a ama moayԑ mma. Enti yԑteԑԑm sԑ “Abba, Agya” Honhom no ankasa di yԑn ho adanse sԑ yԑyԑ Onyankopɔn mma”(Romafo 8:9-11, 14:16 NIV) Sԑ wᴐwo wo foforo a woyԑ akokoaa wɔ Kristo mu, na sԑnea abofra a otutu tataa hwe ase bere a ɔresua nantew no, saa ara na Honhom mu nantew te. Nanso Agya no bԑboa wo ama woanyin sԑ akokoaa. Wobenya asԑm no ho anigyina na afei Honhom no bԑkyerԑkyerԑ wo ama woakenkan. Na wobehu penpen sԑ Yesu ntumi nnyԑ abɔde a ɔyԑ ɔbɔfo sԑnea Ɔwԑn Aban kyerԑkyerԑԑ, nanso ɔyԑ sԑnea okyinnye gyefo Toma awiei koraa gyee toom sԑ “M’awurade ne Me Nyankopɔn!” (Yohane 20:28 WFN) Onyankopɔn ho adesua ne wone ne dɔ a ԑbenyinii akyi no, wobehu sԑ w’akansa ne Yesu honam ayԑ koro. Eyi ne “Agyidifo Abakan a woakyerԑw wɔn din wɔ soro” (Hebrifo 12:23 NIV). Nokware Agyidifo no a wɔyԑ Kristo nipadua no kyԑn asɔre kuw ne ankorankoro a wɔwɔ anaa wɔnni ɔsom Ahyehyԑde biara nnipa de asi ho mu. Ԑyԑ wɔn a wɔde wɔnho to Yesu Kristo so na wɔhwԑ ne kwan sԑ Ɔne Agyidifo Ti wɔn a wɔde Honhom awo wɔn foforo na woayԑ nipadua biako. “Seesei nipadua no nnyԑ akwaa biako na mmom akwaa pii. Sԑ nnan no ka sԑ “esiane sԑ mennyԑ nsa enti mennka nipadua no ho a, eyi mma ɔnkwati sԑ ɔyԑ nipadua akwaa no bi mpo....Aniwa no nso ntumi nka nkyerԑ nsa no sԑ woho nhia me...(1 Korintofo 12:12-21 NIV). Enti yehia yԑn anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Kristo mu, mpo sԑ yehu yԑnho sԑ yԑne wɔn tebea nnyԑ pԑ koraa a. Wɔ mfe bi wɔ Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no mu no misuae sԑ ankorankoro nsusuwii...afotu a efi Ahyehyԑde no hɔ ho asԑmmisa yԑ nea wɔmmma hokwan (Ɔwԑn Aban January 15,1983, kratafa 22). Ԑbԑyԑ den mfiase sԑ kyerԑwnsԑm afotu sԑ “sā onipa bi gyidi nnyԑ den koraa a, monnye no ntom a akasakasa biara mmata ho no bԑyԑ adwuma wɔ Ahyehyԑde no mu. Nnipa gu ahorow, ebinom gye di sԑ wotumi di mogyanam biara ne wɔn a wɔn gyidi yԑ mmerԑw nti wonni ԑnam na mmom nhabama. Wɔn a wodi ԑnam no ԑsԑ sԑ wobuu wɔn a wonni animtiaa. Saa ara na wɔn a wonni ԑnam nso mma wɔnnkasa ntia wɔn a wɔpԑ sԑ wodi biribiara efisԑ Onyankopɔn agye wɔn atoom. Ԑnyԑ wotumi sԑ wobebu obi akoa abomfiaa....Sԑ onipa bi bu nna bi sԑ ԑkyԑn nna bi a na ɔfoforo nso bu nna nyinaa sԑ ԑyԑ pԑ a, ԑsԑ sԑ obiara kura ne nteaseԑ” (Romafo 14:1-5 Yarusalem Bible). So wowɔ saa ntease no wɔ wo nuanom ntam a, ԑnde bere a wone Kristofo afoforo no, wԑ wɔyԑ den anaa mmerԑw no, wobehu sԑ wone wɔn nyinaa bԑhyԑ wɔnho den denam obiara gyidi so. (Romafo 1:12 NIV) Bisa Awurade ma ɔkyerԑ ɔkwan a ɔpԑsԑ wone no nya abusuabɔ no. Na obebua wo mpaebɔ. Ԑwom sԑ Ɔremfa wo nto agyidifo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no mu te sԑ wɔn a wɔwɔ Korinto a Honhom akyԑde a wobuu no adewa no maa Awurade Anwummere Aduan no fᾱ a wɔhyԑԑ no ho amma yᾱm (1 Korintofo 14:23, 11:20). Anaasԑ, ebia Ɔde wobԑkɔ Agyidifo a wɔwɔ Pergamum mu a na nneyԑe bɔne ne a atoro nkyerԑkyerԑ abu so wɔ anuanom mu (Adiyisԑm 2:14,15). Anaasԑ, wɔde wo bԑto Agyidifo a wɔwɔ Sardis mu a wɔwɔ din sԑ wɔte ase nanso nokwarem no na wawuwu (Adiyisԑm 3:1 NIV). Osuahu a ԑtete saa betumi aboa wo ma wone Awurade Yesu Abusuabɔ no anyin na ayԑ den. “Kae sԑ ԑsԑ sԑ wosoa nea ԑda wo so a ԑyԑ animka, sԑ Onyankopɔn ne di sԑ mmaa”ne ntetee a efi Agya no hɔ (Hebrifo 12:7 J.B Phillips ) Ԑsԑ yԑn nyinaa gye toom sԑnea Asomafo Paulo no yԑe sԑ yebetumi ahu na yԑate Onyankopɔn ho nsԑm ase ketewaa bi mprempren, te sԑ nea yerehwehwԑ yԑn anim wɔ ahwehwԑ a emu yԑ kusuu, nanso ԑbere bi bԑba a yebehu ne ho nsԑm bebree mpu ne mpu. Seesei nea minim nwie pԑyԑ, nanso afei de mebehu nneԑma yiye sԑnea Onyankopɔn hu sԑ ԑfata wɔ me komam mprempren (1Korintofo 13:12). Enti, wɔ bere a Nokware Nimdeԑ a edi mū a ԑfa biribiaara ho nni .hɔ no, ԑyԑ Kristofo hokwan sԑ “ohu” Onyankopɔn denam ankorankoro abusuabɔ a ɔne Yesu Kristo benya. Sԑ wɔnnyԑԑ saa, ԑnde ka kyerԑ Onyankopɔn mprempren sԑ wopԑ sԑ wode Yesu yԑ w’agyenkwa ne w’awurade a woagye no atoom. Ɔto nsa frԑ wo sԑ “Bra me nkyԑn mo nyinaa a wɔde nnesoa asoa mo na moabrԑ na mԑma moanya ɔhome” (Mateo 11:28 TEV). Hwԑ! Migyina wo pon ano rebom,sԑ onipa biara te Me nne na obue Me pon a, Mԑba ne nkyԑn ne no ato nsa adidii” (Adiyisԑm 3:20 KJV). “Saa ara nso na nea ɔdɔ Me no M’agya bԑdɔ no na mԑdɔ no na Mayi Meho adi akyerԑ no pefee” (Yohane 14:21 WFN)
|
I LOVE this site!
“I just wanted to write and tell you that your website is absolutely FANTASTIC and invaluable. Thank you so much for providing fantastic resources that true Christians can use to reach out in love to those caught in the lie of Mormonism and the Watchtower Society. I love this website.”
Your site is the best!
“Just want you to know that I love your website. What a wealth of information …I have been looking for a website to aid in my witnessing to my Mormon and Jehovah’s Witness friends. This is the best one I have seen by far. Please keep up the good work!!!!”
Your website is crucial in my witnessing efforts!
“Your website is crucial in my witnessing efforts to Mormons and Jehovah’s Witnesses. I cannot get the Mormons to come back anymore, but I had my first study with the Jehovah’s Witnesses today. ...One has been in the Society for over 50 years!!! I was very intimidated by this. ...But the thing that really got them squirming in their seats today were the questions I got off your website regarding the use of the Divine Name. It was almost as if they had never heard questions like this before. ...thank you so much for what you do. God has used your talents in such a wonderful way to bring glory and honor to our King Jesus Christ.”
I appreciate the loving tone of your website...
“I need to say thank you so much to the people involved in this website! I am a Christian and have been in contact with a Jehovah's Witness for several months, and at the beginning I was very unfamiliar with Jehovah's Witness teachings. Your website has helped me tremendously. I feel much better acquainted with Jehovah's Witness teachings and able to question her on her beliefs, and point her to the Truth of Jesus in the Bible. I enjoy the thoughtful, loving tone your website has in pointing out the error of the Watchtower organization, and the error of Jehovah's Witness beliefs.”
Thanks for providing the documentation to back up what you're saying.
“I recently became acquainted with a girl who was raised as a Jehovah’s Witness, and I am a solid evangelical Christian. Despite our differences, we have become good friends ...I have had the hardest time talking to her about my concerns regarding the Watchtower because I understood so little about it. In my search for resources online, it is so refreshing to find a website that is not slanderous or based on opinion, but that simply provides the facts. Thanks for providing documentation to back up what you're saying. This is legitimate journalism and it has been incredibly useful to me.”
I Feel So Much Better Equipped!
“I just wanted to say thanks for the tremendous amount of effort it must have taken to put together this website. I am a Christian who has been visited by Jehovah’s Witnesses for about 7-8 years… I was online …when I came across your site. Having found what I was looking for, I continued on with browsing your site. There is so much useful information here! Recently, one of the young Witnesses that had previously come to my door ...came back to my door alone. … After reading many pages on your site, I feel so much better equipped to speak with her. …I hope to show her the joy that is in the freedom we have in Christ.”